LYRICS: Akokoa By Safe Newman. Safo Newman, a super-talented fast-rising Ghanaian singer and songwriter unveils his newly anticipated single titled “Akokoa”. The Akokoa song talks about how he treats others well whether related to him or not”. The single is targeted at promoting positivity in the world. Download and enjoy the latest mp3 jam for free.

LYRICS: AKOKOA BY SAFO NEWMAN

Akɔkoa, me home rete
Ɔfrɛ me sɛ, “Kwakye, bankye”
Ne ba barima deɛ, ɛyɛ Sweetie
Ɔmpɛ m’asɛm da, kankabi
Nsuo ankorɛ mmiɛnsa, meretwe
Efii a ɛwɔ fam, mɛtwitwi
Ɛnneɛma adeɛ ma, merebɛsi
Memposa nwieeɛ a, mennidi
Daabi o

Nsonsonoeɛ wɔ mu
Deɛ ɔyɛ me no, ɔnyɛ Joe Boy saa
Ɔgyegye no so mmoroso mmoroso
Ɔno deɛ, ne ba aah
Adeɛ a merehunu no, ɛnyɛ me nko
Ɛrekɔso mmea-mmea
Som Nyame
Nso ne dɔ ntra ne yam mma
Daabi o

Anɔpa
Ɔbɛkɔ asɔredanm′, na wato dwom
“Holy, Holy” (Praise Him!)
Ɛyɛ moma
Fa bɔ fam hɔ
Akyiriwia, Masalakyi (Alhamdulillah)

READ ALSO:  Avance Media announces 2022 Top 50 Ghanaian Bloggers ranking

Ɔregu nsa
Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni (wiɛw!)
Ɔwie a
Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa

Anɔpa (Nyamesomfoɔ, montie me o)
Ɔbɛkɔ asɔredanm’, na wato dwom
“Holy, Holy”
Ɛyɛ moma (mfa ɔtan mmu dɔ, dɔ dasani o)
Fa bɔ fam hɔ
Akyiriwia, Masalakyi

Ɔregu nsa (na Nyame a Ɔwɔ soro hɔ yi, yɛnhu No o)
Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni
Ɔwie a (ɛmma no nyɛ wo yam ba-)
Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa
Oh-oh
Oh, oh-oh
Oh-oh

Nkyerɛ me sɛ ɔrehyɛ me den
Nokware wɔ hɔ, ntoto no ase
Deɛ ɔde me reyɛ yi deɛ, ɛyɛ nkoasom
Deɛ worekeka yi yɛ mmuammuaso
Me ntaadeɛ, ɛfa atete
Baabi a meda, ɛhɔ awewe
Ɔse, “Wompɛ deaa da abɔnten”
Nso nyɛ sɛ ebi a meyɛɛ asoɔden
Daabi o

READ ALSO:  Rihanna and ASAP Rocky name their second son, Riot

Nsonsonoeɛ wɔ mu
Deɛ ɔyɛ me no, ɔnyɛ Joe Boy saa
Ɔgyegye no so mmoroso mmoroso
Ɔno deɛ, ne ba aah
Adeɛ a merehunu no, ɛnyɛ me nko
Ɛrekɔso mmea-mmea
Som Nyame
Nso ne dɔ ntra ne yam mma
Daabi o

Me maame, Maame Dora, frɛ no a
Na waka sɛ, me na memmu adeɛ
Me nana, Kwakye ba mu deaa, ɔtu fo o
Ɔse mete ne nkyɛn nti
‘Yɛ a menya abotare

Pam, pam, pa-nah
Pam, pam, pa-nah
Meyɛ akwadaa nti, boo, mɛyɛ no deɛn?
Pam, pam, pa-nah (uu-oo, oh)
Pam, pam, pa-nah (oh)
Meyɛ akwadaa nti, boo, mɛyɛ no deɛn?

Anɔpa
Ɔbɛkɔ asɔredanm′, na wato dwom
“Holy, Holy” (Praise Him!)
Ɛyɛ moma
Fa bɔ fam hɔ
Akyiriwia, Masalakyi (Alhamdulillah)

Ɔregu nsa
Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni (wiɛw!)
Ɔwie a
Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa

Anɔpa (Nyamesomfoɔ, montie me o)
Ɔbɛkɔ asɔredanm′, na wato dwom
“Holy, Holy”
Ɛyɛ moma (mfa ɔtan mmu dɔ, dɔ dasani o)
Fa bɔ fam hɔ
Akyiriwia, Masalakyi

READ ALSO:  Nigerians Support Ghana Music A Lot - OliveTheBoy Asserts

Ɔregu nsa (na Nyame a Ɔwɔ soro hɔ yi, yɛnhu No o)
Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni
Ɔwie a (ɛmma no nyɛ wo yam ba-)
Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa

Nyamesomfoɔ, montie me o
Mfa ɔtan mmu dɔ, dɔ dasani o
Na Nyame a Ɔwɔ soro hɔ yi, yɛnhunu No o
Ɛmma no nyɛ wo yam ba anaa ɔdɔ foforɔ o

LEAVE A REPLY

Please enter your comment!
Please enter your name here